1 ASW Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no. BSB BSB: Paul, an apostle—sent not from men nor by man, but by Jesus Christ and God the Father, who raised Him from the dead—
2 ASW Me ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa, De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa: BSB BSB: and all the brothers with me, To the churches of Galatia:
3 ASW Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. BSB BSB: Grace and peace to you from God our Father and the Lord Jesus Christ,
4 ASW Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu. BSB BSB: who gave Himself for our sins to rescue us from the present evil age, according to the will of our God and Father,
5 ASW Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen. BSB BSB: to whom be glory forever and ever. Amen.
7 ASW Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no. BSB BSB: which is not even a gospel. Evidently some people are troubling you and trying to distort the gospel of Christ.
9 ASW Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu. BSB BSB: As we have said before, so now I say again: If anyone is preaching to you a gospel contrary to the one you received, let him be under a curse!
10 ASW Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ. BSB BSB: Am I now seeking the approval of men, or of God? Or am I striving to please men? If I were still trying to please men, I would not be a servant of Christ.
11 ASW Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa hɔ. BSB BSB: For I want you to know, brothers, that the gospel I preached was not devised by man.
12 ASW Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me. BSB BSB: I did not receive it from any man, nor was I taught it; rather, I received it by revelation from Jesus Christ.
14 ASW Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden. BSB BSB: I was advancing in Judaism beyond many of my contemporaries and was extremely zealous for the traditions of my fathers.
15 ASW Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo BSB BSB: But when God, who set me apart from my mother’s womb and called me by His grace, was pleased
16 ASW sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; BSB BSB: to reveal His Son in me so that I might preach Him among the Gentiles, I did not rush to consult with flesh and blood,
17 ASW saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko. BSB BSB: nor did I go up to Jerusalem to the apostles who came before me, but I went into Arabia and later returned to Damascus.
20 ASW Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo. BSB BSB: I assure you before God that what I am writing to you is no lie.
21 ASW Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia. BSB BSB: Later I went to the regions of Syria and Cilicia.
22 ASW Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. BSB BSB: I was personally unknown, however, to the churches of Judea that are in Christ.
23 ASW Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” BSB BSB: They only heard the account: “The man who formerly persecuted us is now preaching the faith he once tried to destroy.”
24 ASW Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. BSB BSB: And they glorified God because of me.
Select verses for actions: Enter goes to them and Escape comes back.